Psalms 57

Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.


1 Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,
na wo mu na me kra nya guankɔbea.
Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea
kosi sɛ amanehunu no betwa mu.


2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;
Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

3 Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa,
ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim;
Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.


4 Gyata atwa me ho ahyia;
meda mmoa a wɔwe nam amono mu,
nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma
na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.

5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,
na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.


6 Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri,
ahohiahia brɛɛ me ase.
Wotuu amoa wɔ me kwan mu,
nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

7 Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn,
me koma yɛ pintinn;
mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

8 Me kra nyan!
Sanku ne bɛnta, munnyan!
Me nso menyan anɔpahema.


9 Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;
mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.

10 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;
wo nokwaredi du wim.

Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro;
ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.

11
Copyright information for TwiAKNA